Exodus 22:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 na m’abufuw bɛdɛw,+ na mede nkrante bekunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafo na mo mma ayɛ nnyanka.+ Yosua 22:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɛnnɛ nso moasi mo bo sɛ mobɛdan afi Yehowa akyi. Munhu sɛ sɛ motew atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena Israel asafo no nyinaa na ɛbɛsoa n’abufuw.+ Romafo 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no.
24 na m’abufuw bɛdɛw,+ na mede nkrante bekunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafo na mo mma ayɛ nnyanka.+
18 Ɛnnɛ nso moasi mo bo sɛ mobɛdan afi Yehowa akyi. Munhu sɛ sɛ motew atua tia Yehowa nnɛ a, ɔkyena Israel asafo no nyinaa na ɛbɛsoa n’abufuw.+
5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no.