5 “‘Na afei wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.+
18 Na ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no so wɔ ahyiae ntamadan no mu. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ no ase wɔ ahyiae ntamadan no ano.