1 Beresosɛm 29:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye. Dwom 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam,+ koma mu teefo+ Gyefo no. Dwom 94:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Efisɛ atemmu bɛsan asi trenee kwan so,+Na komam teefo nyinaa bedi akyi.
17 O me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ komam,+ na teeyɛ na ɛsɔ w’ani.+ Me de, komam teeyɛ mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa ama, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma aboa ma m’ani agye.