18 Nanso kae Yehowa wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wo tumi a wode anya wo ho no.+ Ɔyɛɛ eyi efisɛ ɔpɛ sɛ odi apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so, sɛnea ɛte nnɛ yi.+
9 Ɛnna Amasia+ bisaa Onyankopɔn nipa no sɛ: “Na dwetikɛse ɔha a mede ama Israel asraafo no nso ɛ?”+ Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: “Yehowa betumi ama wo nea ɛkyɛn saa koraa.”+