32 “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni,+ otumfoɔ+ a wo ho yɛ hu+ a wokora apam+ ne adɔe+ so, mma amanehunu a aba yɛne+ yɛn ahene+ ne yɛn mmapɔmma+ ne yɛn asɔfo+ ne yɛn adiyifo+ ne yɛn agyanom,+ ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahene bere so besi nnɛ da yi+ nnyɛ ade ketewa w’anim.+