16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo atitiriw no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo+ no mfa wɔn nnwonto nneɛma+ mmegyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom den mma anigye mmra, asanku ahorow+ nyinaa bi, ne nnawuta.+
25Bio nso, Dawid ne mpanyimfo+ a wɔdeda akuw no ano+ no yii Asaf, Heman+ ne Yedutan+ a wɔde asanku+ ne asankuten+ ne nnawuta+ hyɛ nkɔm no asefo no bi sɛ wɔmmɛsom. Na wɔn mu na woyii mmarima ma wɔyɛɛ ɔsom adwuma.
25 Saa bere no nyinaa na wama Lewifo+ no abegyinagyina Yehowa fie hɔ, na wokurakura nnawuta,+ asanku+ ne asankuten+ sɛnea Dawid+ ne ɔhene dehufo Gad+ ne odiyifo Natan+ hyɛe no, efisɛ Yehowa nam n’adiyifo no so na ɔhyɛe.+
10 Bere a adansifo no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wiei no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade+ kurakura ntorobɛnto+ ne Lewifo, Asaf+ mma, a wokurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebeyi Yehowa ayɛ sɛnea na Israel hene Dawid akyerɛ+ no.