Exodus 16:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Bere a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wiei no, wɔdan wɔn ani kyerɛɛ sare no so, na Yehowa anuonyam puei wɔ omununkum no mu.+ Hesekiel 10:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei Yehowa anuonyam+ maa ne ho so fii kerubim no so kɔɔ fie no pon ano, na nkakrankakra omununkum hyɛɛ fie hɔ mã,+ na Yehowa anuonyam hyerɛn adiwo hɔ nyinaa. Adiyisɛm 21:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na kurow no nhia owia ne ɔsram hann, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+
10 Bere a Aaron kasa kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa wiei no, wɔdan wɔn ani kyerɛɛ sare no so, na Yehowa anuonyam puei wɔ omununkum no mu.+
4 Afei Yehowa anuonyam+ maa ne ho so fii kerubim no so kɔɔ fie no pon ano, na nkakrankakra omununkum hyɛɛ fie hɔ mã,+ na Yehowa anuonyam hyerɛn adiwo hɔ nyinaa.
23 Na kurow no nhia owia ne ɔsram hann, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+