14 Ɛnna Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Mayɛ bɔne. San fi me so, na nea wode bɛto me so biara, metua.”+ Enti Asiria hene kae sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse+ ahasa ne sika dwetikɛse aduasa.
5 Na ɔne Ammon+ hene dii ako, na akyiri yi odii wɔn so nkonim. Saa afe no, Ammonfo maa no dwetɛ dwetikɛse ɔha ne awi+ kor+ mpem du ne atoko+ nso kor mpem du. Saa ara na Ammonfo tua maa no afe a ɛto so abien ne afe a ɛto so abiɛsa no mu.+