1 Ahene
15 Nebat+ ba Ɔhene Yeroboam+ afe a ɛto so dunwɔtwe mu na Abiam bedii Yuda so hene.+ 2 Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Maaka+ a ɔyɛ Abisalom+ banana. 3 Akwammɔne a ne papa dii kan faa so no nyinaa, ɛno ara na ɔno nso faa so; ne koma anni mũ+ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho sɛ ne nana Dawid koma.+ 4 Dawid nti,+ Yehowa, ne Nyankopɔn ma onyaa kanea+ wɔ Yerusalem bere a ɔmaa ne ba so wɔ n’akyi no, na ɔmaa Yerusalem gyinae,+ 5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu. 6 Na akodi bɛdaa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.+
7 Abiam ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. Na akodi bɛdaa Abiam ne Yeroboam nso ntam.+ 8 Na Abiam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no wɔ Dawid Kurow+ mu, na ne ba Asa+ bedii n’ade.
9 Israel hene Yeroboam afe a ɛto so aduonu mu na Asa bedii Yuda so hene. 10 Odii hene mfe aduanan biako wɔ Yerusalem; ne nanabea din de Maaka+ a ɔyɛ Abisalom+ banana. 11 Asa yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so sɛ ne nana Dawid.+ 12 Enti otuu asɔrefie mmarima nguaman no fii asase no so,+ na oyiyii abosom fĩ+ a n’agyanom yeyɛe+ no nyinaa. 13 Ne nanabea Maaka+ nso, otuu no ade so, na wamma wanyɛ ɔbaapanyin+ bio, efisɛ ɔyɛɛ ohoni huhuuhu bi a wɔde som abosonnua; ɛno akyi no, Asa twaa ohoni+ no kɔhyewee+ wɔ Kidron subon+ no ho. 14 Sorɔnsorɔmmea+ no de, wanyiyi amfi hɔ.+ Nanso Asa koma dii mũ wɔ Yehowa ho ne nna nyinaa.+ 15 Na ɔde nneɛma a ne papa yɛɛ no kronkron ne nea n’ankasa yɛɛ no kronkron no baa Yehowa fie hɔ, dwetɛ ne sika ne anwenne+ no.
16 Na akodi bɛdaa Asa ne Israel hene Baasa+ ntam wɔn nna nyinaa. 17 Enti Israel hene Baasa baa Yuda so, na ofii ase sɛ ɔrekyekye Rama+ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara remfi adi nkɔ Yuda hene Asa nkyɛn na obiara nso remfi ne nkyɛn mma.+ 18 Ɛnna Asa faa Yehowa fie ne ahemfie akorade mu dwetɛ ne sika a aka nyinaa de hyɛɛ n’asomfo nsam, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba, Siria hene+ Ben-Hadad+ a ɔte Damasko+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: 19 “Apam da me ne wo ntam, ne me papa ne wo papa ntam. Merebɛkyɛ+ wo dwetɛ ne sika. Kɔ, na kotwa apam a wo ne Israel hene Baasa ayɛ no mu, na omfi me so nkɔ.”+ 20 Ɛnna Ben-Hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa n’asahene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔkɔyɛɛ Eyon+ ne Dan+ ne Abel-Bet-Maaka+ pasaa, ɛne Kineret kosii Naftali nsase+ nyinaa so. 21 Na Baasa tee no, ntɛm ara na ogyaee Rama+ kyekye, na ɔtenaa Tirsa.+ 22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda+ nyinaa ano a wannyaw obiara, na wɔkɔsesaw abo ne nnua a na Baasa de rekyekye Rama no, na ɔde kɔkyekyee Geba+ wɔ Benyamin ne afei Mispa.+
23 Asa ho nsɛm a aka nyinaa, ne nnwuma akɛse ne nea ɔyɛe nyinaa ne nkurow a ɔkyekyee no, wɔakyerɛw wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. Nanso ne nkwakoraabere+ mu no, ɔyaree ne nan.+ 24 Na Asa ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no kaa n’agyanom ho wɔ ne nana Dawid Kurow mu,+ na ne ba Yehosafat+ bedii n’ade.
25 Na Yeroboam ba Nadab+ bedii Israel so hene, Yuda hene Asa afe a ɛto so abien mu; odii Israel so hene mfe abien. 26 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔnantew ne papa kwan+ ne bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne+ no mu. 27 Na Ahiya ba Baasa+ a ofi Isakar fie bɔɔ ne ho pɔw; Baasa kum no wɔ Gibeton+ a ɛwɔ Filistifo asase so bere a na Nadab ne Israel nyinaa atwa Gibeton ho ahyia no. 28 Enti Baasa kum no wɔ Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa mu, na odii n’ade.+ 29 Ɔbɛyɛɛ ɔhene ara pɛ, okunkum Yeroboam fiefo nyinaa. Wannyaw Yeroboam ho nipa biara a ahome wɔ ne mu; ɔtɔree wɔn nyinaa ase sɛnea Yehowa asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahiya so kae no te;+ 30 Yeroboam bɔne a ɔyɛe+ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne ne abohurude a ɔyɛ de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no abufuw+ no nti na ɛbaa saa. 31 Nadab ho nsɛm a aka ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 32 Akodi bɛdaa Asa ne Israel hene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.+
33 Yuda hene Asa afe a ɛto so abiɛsa mu no, Ahiya ba Baasa bɛyɛɛ Israel nyinaa so hene wɔ Tirsa mfe aduonu anan.+ 34 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na ɔnantew Yeroboam kwan+ ne bɔne a ɔyɛe a ɛnam so maa Israel nso yɛɛ bɔne+ no mu.