Leviticus 26:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Afei wɔbɛka wɔn ankasa bɔne+ ne wɔn agyanom bɔne ne wɔn amumɔyɛsɛm, sɛnea wɔne me dii asi+ no. Nehemia 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 mesrɛ wo, wɛn w’aso+ na bue w’aniwa, na tie w’akoa mpae+ a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfo, ne bɔne+ a Israel mma, yɛayɛ atia wo a mereka yi.+ Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+ Dwom 106:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yɛayɛ bɔne sɛ yɛn agyanom ara;+Yɛafom; yɛadi amumɔyɛsɛm.+
6 mesrɛ wo, wɛn w’aso+ na bue w’aniwa, na tie w’akoa mpae+ a merebɔ w’anim nnɛ awia ne anadwo+ ama wo nkoa Israelfo, ne bɔne+ a Israel mma, yɛayɛ atia wo a mereka yi.+ Me ne me papa fie nyinaa, yɛayɛ bɔne.+