7 Bio nso, osen ohoni+ de kosii nokware Nyankopɔn fie,+ ofie a Onyankopɔn kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon no sɛ: “Ofie yi ne Yerusalem a mapaw+ afi Israel mmusuakuw nyinaa mu no na mede me din+ bɛto so akosi daa.+
10 Bere a Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ ne fie; nso na n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem+ no abuebue, na ɔkotow ne nkotodwe anim mprɛnsa da koro,+ na ɔbɔɔ mpae+ daa ase, ne Nyankopɔn anim+ sɛnea na ɔyɛ kan no ara.+