Mmebusɛm 11:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye,+ na otirimɔdenfo de mmusu na ɛba ne honam so.+ Ɔsɛnkafo 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nhyɛso tumi ma onyansafo yɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo,+ na akyɛde+ tumi sɛe koma.+