29 “Woahu sɛnea me nti Ahab abrɛ ne ho ase no?+ Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusu no mma wɔ ne nna mu.+ Ne ba nna mu na mede mmusu no bɛba ne fie.”+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+