33 Enti ofii ase bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka a osii wɔ Betel no so, ɔsram a ɛto so awotwe no da a ɛto so dunum no, ɔsram a ɔno ara bɔɔ ne tirim de sii hɔ+ no; ɔhyɛɛ fã maa Israelfo, na ɔhyew afɔrebɔde wɔ afɔremuka no so de bɔɔ afɔre.+
33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfo no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfo+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”