25 Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo papa nantwinini a ɔto so abien a wadi mfe ason no, na bubu Baal afɔremuka+ a wo papa sii no, na twa ɔbosom dua a ɛwɔ ho no.+
4 Ɔno na oyiyii sorɔnsorɔmmea no,+ na obubuu abosom adum+ no pasaa, otwitwaa ɔbosom+ dua no, na obubuu kɔbere ɔwɔ+ a Mose yɛe+ no nso pasaa, efisɛ ɛde besi saa bere no, na Israelfo hyew afɔrebɔde+ ma no, na wɔfrɛɛ no kɔbere ɔwɔ honi.+
6 Afei nso, oyii ɔbosom dua+ no fii Yehowa fie hɔ de kɔɔ Yerusalem kurotia, Kidron subon no mu, na ɔhyewee+ wɔ Kidron subon no mu, na ɔyam no muhumuhu, na ɔtow mfutuma no guu ɔmanfo amusiei.+