Mmebusɛm 15:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nteɛso mu yɛ den ma nea ogyaw ɔkwan no;+ obiara a ɔtan ɔkasakyerɛ bewu.+ Mmebusɛm 27:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Animka pefee ye+ sen ɔdɔ a ahintaw. Yesaia 30:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ, ‘Munnhu ade,’ na wɔka kyerɛ adiyifo sɛ, ‘Monnka anisoadehu a ɛteɛ nnkyerɛ yɛn.+ Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn, monka anisoadehu mfa nnaadaa yɛn.+ Yeremia 38:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na mpanyimfo no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam agow.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe na mmom mmusu.”
10 Wɔka kyerɛ adehufo sɛ, ‘Munnhu ade,’ na wɔka kyerɛ adiyifo sɛ, ‘Monnka anisoadehu a ɛteɛ nnkyerɛ yɛn.+ Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn, monka anisoadehu mfa nnaadaa yɛn.+
4 Na mpanyimfo no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam agow.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe na mmom mmusu.”