24 Lewifo mu atitiriw no ne Hasabia ne Serebia+ ne Kadmiel+ ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔne wɔn di nhwɛanim to ayeyi ne aseda dwom sɛnea nokware Nyankopɔn nipa Dawid ahyɛde+ te no; awɛmfo kuw biako gyina ɔfã ha a, na awɛmfo kuw biako nso gyina ɔfã ha.