Esra 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum ahanan. Eyinom ne nneɛma a Sesbasar+ de bae, bere a ɔne nnommum+ no fi Babilon resan aba Yerusalem no. Esra 3:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔree. Wɔkɔe sɛ wɔrekosi afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ama Israel Nyankopɔn sɛnea wɔakyerɛw+ wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose mmara mu no.
11 Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum ahanan. Eyinom ne nneɛma a Sesbasar+ de bae, bere a ɔne nnommum+ no fi Babilon resan aba Yerusalem no.
2 Na Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔree. Wɔkɔe sɛ wɔrekosi afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ama Israel Nyankopɔn sɛnea wɔakyerɛw+ wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose mmara mu no.