2 Beresosɛm 16:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa de, n’aniwa+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma+ di mũ wɔ ne ho. Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm,+ na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+ Dwom 32:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wokae sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.+M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.+ Dwom 33:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wosuro no so;+Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔe kwan no so,+ Dwom 34:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yehowa ani wɔ treneefo so,+Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+ 1 Petro 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+
9 Yehowa de, n’aniwa+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma+ di mũ wɔ ne ho. Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm,+ na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+
12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+