2 “Sɛnea Persia hene Kores se ni,+ ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no,+ de asase so ahenni nyinaa ama me,+ na ɔno na wahyɛ me sɛ minsi ofie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.
3 “Ɔhene Kores afe a edi kan+ mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho sɛ: ‘Wonsi ofie no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea+ na wɔnto ne fapem. Ne tenten nyɛ basafa aduosia na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduosia,+