10 Bere a adansifo no too Yehowa asɔrefie no fapem+ wiei no, asɔfo a wɔahyehyɛ wɔn ntade+ kurakura ntorobɛnto+ ne Lewifo, Asaf+ mma, a wokurakura nnawuta+ no sɔree sɛ wɔrebeyi Yehowa ayɛ sɛnea na Israel hene Dawid akyerɛ+ no.
18 “‘Munsusuw asɛm yi ho wɔ mo komam;+ efi saa da yi, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, da a wɔtoo Yehowa asɔrefie no fapem+ no, munsusuw asɛm yi ho: