22 Persia hene+ Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm+ a ɔnam Yeremia+ so kae no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores honhom,+ na ɔma wɔbɔɔ dawuru n’ahenni mu nyinaa, na wɔkyerɛwee+ nso sɛ:
3 Enti obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi.+ Ma ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkosi Yehowa, Israel Nyankopɔn, fie a na ɛwɔ Yerusalem no.+ Ɔno ne nokware Nyankopɔn no.+
3 “Ɔhene Kores afe a edi kan+ mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho sɛ: ‘Wonsi ofie no mma ɛnyɛ afɔrebɔbea+ na wɔnto ne fapem. Ne tenten nyɛ basafa aduosia na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduosia,+