5Na odiyifo Hagai+ ne Ido+ banana odiyifo Sakaria+ hyɛɛ nkɔm maa Yudafo a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho+ no din+ mu.
12 Na Sealtiel ba Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin, ne ɔmanfo a wɔaka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne odiyifo Hagai+ nsɛm, efisɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfo no suroe.+