9 Yehowa de, n’aniwa+ kyini asase so baabiara+ sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma+ di mũ wɔ ne ho. Asɛm yi mu de, woadi nkwaseasɛm,+ na efi nnɛ rekɔ, akodi bɛba wo so.”+
6 Esra yi fii Babilon kɔe; ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo+ a ne ho akokwaw wɔ Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de mae no mu na ɔhwɛ so kyerɛw bi, na ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ no so.+
28 Na wayi adɔe+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn, nsa+ a ɛwɔ me so nti, minyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel ni, ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na waka.