Leviticus 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “‘Mfa eyinom biara ngu wo ho fĩ, efisɛ eyi na ama aman a merepam wɔn afi w’anim yi ho agu fĩ.+ Deuteronomium 12:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu daa ma wɔn anyame.+
31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ efisɛ nea Yehowa wo Nyankopɔn kyi na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mpo bɔ afɔre wɔ ogya mu daa ma wɔn anyame.+