2 Beresosɛm 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na mo de, momma mo bo nyɛ duru,+ na mommma mo nsam nngow,+ efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.”+ Esra 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɛnna asase no sofo maa Yudafo no nsam gowee+ na wotuu wɔn koma wɔ adansi+ no ho daa, Yesaia 35:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nsa a emu agow no, monhyɛ no den; nkotodwe a ahodwow no, mummia mu.+ Yeremia 38:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na mpanyimfo no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam agow.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe na mmom mmusu.”
4 Na mpanyimfo no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wonkum ɔbarima yi,+ efisɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kurow yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam agow.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoe na mmom mmusu.”