51 Sɛ ehia sɛ mututu ntamadan no kɔ baabi foforo a, ɛsɛ sɛ Lewifo no na wotutu,+ na sɛ mokɔsoɛ baabi a, ɛsɛ sɛ Lewifo no na wosi ntamadan no. Onipahunu biara a ɔbɛba ho no, wonkum no.+
7 Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔremuka no ne nea ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodi adwuma no ama mo sɛ akyɛde, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wonkum no.”+
19 Nanso Usia bo fuwii.+ Saa bere no na okura aduhuamhyew ade+ no, na bere a ɔfaa asɔfo no ho abufuw no, kwata+ fifii ne moma so prɛko pɛ,+ asɔfo no anim wɔ aduhuam afɔremuka no nkyɛn, Yehowa fie hɔ.