Mmebusɛm 28:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ wɔn a wogyaw mmara no yi nnebɔneyɛfo ayɛ+ a, wɔn a wodi mmara so no ani bere wɔn so.+ Yohane 15:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm.+ Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.+ 1 Yohane 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Wɔn de, wofi wiase;+ eyi nti na wɔka nsɛm a efi wiase na wiase tie wɔn no.+
19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm.+ Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.+