13 (Ná Solomon ayɛ kɔbere pampa+ bi de asi ofie no adiwo,+ mfinimfini. Ne ntwemu yɛ basafa anum, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa anum, na ne tenten yɛ basafa abiɛsa; ɛso na okogyinae.) Afei obuu nkotodwe+ wɔ Israel asafo no nyinaa anim, na ɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ ɔsoro.+