1 Beresosɛm 29:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ bagua+ no nyinaa sɛ: “Munhyira+ Yehowa mo Nyankopɔn.” Na bagua no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase+ de wɔn anim butubutuw fam+ wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wohyiraa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no. 2 Beresosɛm 20:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɛhɔ ara na Yehosafat bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam,+ na Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa nso bɔɔ wɔn mu ase Yehowa anim, na wɔkotow Yehowa.+ Dwom 95:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mommra ɛ, momma yɛnsom na yɛmmɔ yɛn mu ase;+Momma yɛnkotow+ yɛn Bɔfo Yehowa+ anim.
20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ bagua+ no nyinaa sɛ: “Munhyira+ Yehowa mo Nyankopɔn.” Na bagua no nyinaa bɔɔ wɔn mu ase+ de wɔn anim butubutuw fam+ wɔ Yehowa ne ɔhene anim, na wohyiraa Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.
18 Ɛhɔ ara na Yehosafat bɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam,+ na Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa nso bɔɔ wɔn mu ase Yehowa anim, na wɔkotow Yehowa.+