26 ɛnde ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefo+ sɛ wɔbɛsɛe mo ntɛm afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Na morentena so nkyɛ, efisɛ wobetwa mo afi so.+
21 Afei sɛ ɔhaw ne ahokyere ba wɔn so a,+ dwom yi bedi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛremfi wɔn asefo anom. Na ansa na mede wɔn bedu asase a maka ho ntam no so mpo no, minim nea ɛwɔ wɔn komam+ nnɛ.”
13 Yehowa nam n’adiyifo+ nyinaa ne adehufo+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnan mfi mo akwammɔne ho,+ na munni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛde+ so sɛnea mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifo so de brɛɛ mo+ no te”;