Exodus 30:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Obiara a wɔbɛkan no biara betua dwetɛbona fã, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ.+ Dwetɛbona biara yɛ gerah aduonu. Dwetɛbona fã yi ne ntoboa a wobeyi ama Yehowa.+ Mmebusɛm 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam,+ ne wo nnɔbae nyinaa mu nea edi kan.+
13 Obiara a wɔbɛkan no biara betua dwetɛbona fã, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ.+ Dwetɛbona biara yɛ gerah aduonu. Dwetɛbona fã yi ne ntoboa a wobeyi ama Yehowa.+