6 Esra yi fii Babilon kɔe; ná ɔyɛ ɔkyerɛwfo+ a ne ho akokwaw wɔ Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de mae no mu na ɔhwɛ so kyerɛw bi, na ɔhene no maa no n’abisade nyinaa, efisɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ no so.+
28 Na wayi adɔe+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufo,+ ne ɔhene mpanyimfo nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn, nsa+ a ɛwɔ me so nti, minyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitiriw ano sɛ wɔne me nkɔ.