2 Na Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfo no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔree. Wɔkɔe sɛ wɔrekosi afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so ama Israel Nyankopɔn sɛnea wɔakyerɛw+ wɔ nokware Nyankopɔn nipa Mose mmara mu no.
12 Na Sealtiel ba Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin, ne ɔmanfo a wɔaka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne odiyifo Hagai+ nsɛm, efisɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfo no suroe.+