3 Na ɔkenkan+ no den wɔ abɔnten baabi a ɛwɔ Nsu Pon no anim, fi ahemadakye kosii owigyinae,+ wɔ mmarima ne mmea ne nnipa foforo a wotumi te nneɛma ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ asõ+ tiee+ mmara nhoma no mu nsɛm.
15 Wɔkenkan Mmara+ ne Adiyifo no wɔ baguam wiei no, hyiadan mu mpanyimfo+ no soma kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: “Mmarima, anuanom, sɛ mowɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, monka.”