10 Na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+
2 Momfa nnansia nyɛ adwuma,+ na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ da kronkron ma mo, ɛyɛ homeda ma Yehowa, monhome koraa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, wobekum no.+
13 “Sɛ homeda nti wosan w’akyi na woanyɛ nea wopɛ me da kronkron no,+ na wofrɛ homeda ahurusidi, Yehowa da kronkron, nea wɔahyɛ no anuonyam,+ na wohyɛ no anuonyam na woamfa w’ankasa akwan so, anyɛ nea ɛsɔ w’ani ankeka nsɛnhunu a,