3 Ɔhene mpaw ananmusifo wɔ n’ahemman+ no afã nyinaa na wɔmmoaboa mmaabun ahoɔfɛfo ano, na wɔmfa wɔn mmra mmea fie wɔ Susan abankɛse+ mu mmɛhyɛ ɔhene piani+ Hegai+ a ɔhwɛ mmea so no nsa na ɔmfa nnuru nsrasra wɔn.
14 Sɛ ɔkɔ anwummere a, na anɔpa waba mmea fie a ɛto so abien no mu, nea ɛhyɛ ɔhene piani+ Saasgas a ɔhwɛ ayefam so no nsa no. Na ontumi nsan nkɔ ɔhene nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho na ɔhyɛ da bɔ ne din frɛ no.+