21 Bere a na Mordekai te ɔhene pon ano no, Bigtan ne Teres a wɔyɛ ahemfie mpanyimfo a wɔhwɛ pon no ano no bo fuwii na na wɔrepɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum+ Ɔhene Ahasweros.
2 Ná ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene pon ano+ nyinaa bɔ wɔn mu ase kotow Haman, efisɛ na ɔhene ahyɛ sɛ wɔnyɛ saa. Nanso Mordekai de, na ɔmmɔ ne mu ase na ɔnkotow no nso.+