Hiob 34:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Efisɛ n’ani tua onipa akwan,+Na n’anammɔn nyinaa ohu. Mmebusɛm 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ Yeremia 16:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 M’aniwa hu wɔn akwan nyinaa. Enhintaw me, na wɔn bɔne nso, ɛso nkatae m’anim.+ Hebrifo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+ 1 Petro 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+
13 Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.+
12 Na Yehowa ani+ wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ;+ nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”+