1 Beresosɛm 29:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Yɛn de, yɛyɛ ahɔho ne atubrafo+ w’anim te sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma,+ na anidaso nnim. Dwom 102:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Me nna ayɛ sɛ sunsuma a ɛreyera,+Na me de, matwintwam sɛ wura.+ Dwom 144:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Onipa wɔ hɔ yi, ɔte sɛ mframa ara kwa;+Ne nna te sɛ sunsuma a etwam.+ Ɔsɛnkafo 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+
15 Yɛn de, yɛyɛ ahɔho ne atubrafo+ w’anim te sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma,+ na anidaso nnim.
13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+