Hiob 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Sɛnea omununkum twam kɔ no,Saa na nea osian kɔ Adamoa* mu no rensan mma bio.+ Hiob 14:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nanso sɛ ɔbarima wu a, ɔnkeka ne ho;Na sɛ ɔdesani gyaa mu a, na ɔwɔ he?+ Ɔsɛnkafo 12:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Osuro nea ɛwɔ soro, na kwan mu yɛ no hu. Ɔsonkoran dua pae nhwiren,+ na abebɛw twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* efisɛ onipa ani kyerɛ ne homebea,+ na asũfo di akɔneaba abɔnten so;+
5 Osuro nea ɛwɔ soro, na kwan mu yɛ no hu. Ɔsonkoran dua pae nhwiren,+ na abebɛw twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* efisɛ onipa ani kyerɛ ne homebea,+ na asũfo di akɔneaba abɔnten so;+