Nehemia 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Mmebusɛm 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔde adɔe ne nokware na ɛpata mfomso,+ na Yehowa suro na ɛma onipa dan fi bɔne ho.+
15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+