Hiob 5:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɔno na ɔma osu tɔ gu asase so+Na ɔma mfuw nya nsu;+ Hiob 26:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wakyekyere nsu, omununkum mu,+Na omununkum no mpae wɔ ase; Hiob 37:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Onyankopɔn home na ɛma nsukyenee,+Na ɛka nsu hyɛ.+ Mmebusɛm 30:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Hena na waforo akɔ soro na wasian?+ Hena na ɔde ne nsa abien akyere mframa?+ Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu?+ Hena na ɔmaa asase ano nyinaa bae?+ Sɛ wunim a, ne din de dɛn,+ na ne ba din ne dɛn?+ Yesaia 40:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hena na osusuw nsu wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukora susuw asase so mfutuma,+ na ɔde nsenia kari mmepɔw anaa abrammo kari nkoko?
4 Hena na waforo akɔ soro na wasian?+ Hena na ɔde ne nsa abien akyere mframa?+ Hena na ɔbɔ nsu boaa, ntama mu?+ Hena na ɔmaa asase ano nyinaa bae?+ Sɛ wunim a, ne din de dɛn,+ na ne ba din ne dɛn?+
12 Hena na osusuw nsu wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukora susuw asase so mfutuma,+ na ɔde nsenia kari mmepɔw anaa abrammo kari nkoko?