Dwom 24:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Hena ne Ɔhene onuonyamfo yi?”+“Ɔne Yehowa, ɔhoɔdenfo ne otumfoɔ no,+Yehowa, ɔdɔmmarima no.”+ Dwom 99:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔhene ahoɔden na ɔde bɛdɔ atɛntrenee.+Wo na woama teeyɛ atim.+Woama atɛntrenee ne adetrenee reyɛ adwuma wɔ Yakob mu.+ Yeremia 32:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 wo a woyɛ mpempem adɔe,+ na wutua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi kokom;+ wone nokware Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+
4 Ɔhene ahoɔden na ɔde bɛdɔ atɛntrenee.+Wo na woama teeyɛ atim.+Woama atɛntrenee ne adetrenee reyɛ adwuma wɔ Yakob mu.+
18 wo a woyɛ mpempem adɔe,+ na wutua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi kokom;+ wone nokware Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+