Deuteronomium 30:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+ Dwom 37:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wobenya asase no adi.+ Mmebusɛm 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na treneefo na wɔbɛtena asase so,+ na wɔn a asɛm nni wɔn ho na wɔbɛka so.+ Mateo 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Anigye ne wɔn a wodwo,+ efisɛ wobenya asase no.+
20 Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten.+ Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.”+