45 Ɛnna Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode nkrante ne peaw ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me de, mede asafo Yehowa,+ Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa+ no no din na ɛreba wo so.
7 Nanso mehu Yuda fie mmɔbɔ,+ na me Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn,+ na ɛnyɛ agyan anaa nkrante anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa apɔnkɔsotefo so na mɛfa agye wɔn.”+