12 Na Samuel sɔree ntɛm sɛ ɔrekohyia Saul anɔpa. Nanso wɔbɔɔ Samuel amanneɛ sɛ: “Saul baa Karmel,+ na hwɛ! wasi nkaedum+ ama ne ho, na wadan ne ho atwam asian kɔ Gilgal.”
18 Bere a Absalom te ase no, ɔfaa edum bi de tim hɔ,+ Ɔhene Bon+ mu, na ɔkae sɛ: “Minni ɔbabarima biara a wɔde no bɛkae me din.”+ Enti ɔde ne din too edum no so,+ na wɔafrɛ no Absalom Nkaedum de abesi nnɛ.