Ester 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti wɔkɔsɛn Haman wɔ dua+ a ɔyɛ maa Mordekai+ no so na ɔhene no bo dwoe. Dwom 10:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ahantan nti nnebɔneyɛfo tiw mmɔborɔni denneennen;+Wɔde wɔn tirimbɔ kyere mmɔborɔni.+ Mmebusɛm 26:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nea otu amoa no, ɛno ara mu na ɔbɛhwe,+ na nea opirepirew ɔbo no, ne so na ɛbɛsan aba.+