Dwom 40:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Afɔre ne ayɛyɛde de, w’ani annye ho;+Wubuee m’aso.+Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woammisa.+ Yesaia 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na menya afi mo afɔre bebrebe no so? Adwennini+ ɔhyew afɔre+ ne mmoa srade+ no afono me. Na anantwi ne nguammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+ Yeremia 7:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Egypt asase so no, manka ɔhyew afɔre+ ne ayɛyɛde ho asɛm bi ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛde bi amma wɔn.
11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na menya afi mo afɔre bebrebe no so? Adwennini+ ɔhyew afɔre+ ne mmoa srade+ no afono me. Na anantwi ne nguammaa ne mpapo+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.+
22 Efisɛ da a miyii mo agyanom fii Egypt asase so no, manka ɔhyew afɔre+ ne ayɛyɛde ho asɛm bi ankyerɛ wɔn, na mamfa ɛho ahyɛde bi amma wɔn.