1 Samuel 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so. Dwom 24:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Asase ne emu nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea,+Wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no.+ Dwom 89:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔsoro yɛ wo dea,+ asase nso yɛ wo dea;+Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa+—wo na woyɛe.+
8 Ɔno na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,+Na ɔma ohiani so fi sumina so+Sɛ́ ɔde wɔn bɛtena adehye mu; ɔde anuonyam ahengua+ yɛ agyapade ma wɔn.+Yehowa na asase nnyinaso wɔ no,+Na ɔde asase asi so.